48
Nsɛm A Ɛfa Moab Ho 
 1 Nea ɛfa Moab ho: 
Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: 
“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. 
Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa; 
wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam. 
 2 Wɔrenkamfo Moab bio; 
Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw; 
‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’ 
Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu; 
afoa no bɛtaa mo. 
 3 Muntie osu a efi Horonaim, 
adesɛe ne ɔsɛe ho su. 
 4 Wɔbɛbɔ Moab: 
na ne mma nketewa bɛteɛteɛ mu. 
 5 Wɔforo kɔ Luhit, 
wɔde agyaadwotwa a mu yɛ den na ɛrekɔ; 
ɔkwan a ɛkɔ Horonaim so no 
wɔte ahoyeraw nteɛteɛmu wɔ adesɛe no ho. 
 6 Munguan! muntu mmirika mpere mo nkwa. 
Monyɛ sɛ wura wɔ nweatam so. 
 7 Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti, 
mo nso wɔbɛfa mo nnommum, 
na Kemos bɛkɔ nnommum mu, 
ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo. 
 8 Ɔsɛefo no betu kurow biara so sa, 
na mu biara rennya ne ho ntetew. 
Wɔbɛsɛe obon no 
na wasɛe mmepɔw mpampam a ɛyɛ tamaa no, 
efisɛ Awurade akasa. 
 9 Momfa nkyene nhyɛ Moab, 
efisɛ wɔrebɛsɛe no; 
ne nkurow bɛda mpan a 
obiara rentena mu. 
 10 “Nnome nka nea ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho! 
Nnome nka nea ɔmmfa nʼafoa nhwie mogya ngu! 
 11 “Moab atena ase asomdwoe mu fi ne mmerantebere mu, 
te sɛ nsa ase puw a ataa dinn, 
wonnhwie mfi ahina mu nkogu ahina foforo mu, 
ɔnkɔɔ nnommum mu da. 
Enti ɔte sɛ nea ɔte ara, 
na ne ho hua nsakrae ɛ. 
 12 Nanso nna bi reba,” 
Awurade na ose, 
“a mɛsoma mmarima a wohwie fi ahina mu, 
na wobehwie no agu; 
wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee 
na wɔabobɔ ne nkuruwa. 
 13 Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu, 
sɛnea Israelfi anim guu ase 
bere a wɔde wɔn ho too Bet-El so no. 
 14 “Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima, 
mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’? 
 15 Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkurow so sa; 
wobekunkum ne mmerante a wɔte apɔw no,” 
nea Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no se ni. 
 16 “Moab asehwe abɛn; 
nʼamanehunu bɛba ntɛm. 
 17 Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa, 
ne mo a munim ne din nyinaa; 
monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yi 
ɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’ 
 18 “Fi wʼanuonyam mu, 
na bɛtena asase wosee no so, 
wo a wote Dibon Babea, 
efisɛ nea ɔsɛe Moab no 
betu aba wo so 
abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ no. 
 19 Gyina kwankyɛn na hwɛ, 
wo a wote Aroer. 
Bisa ɔbarima a ɔreguan no ne ɔbea a ɔrefi mu afi, 
bisa wɔn se, ‘Asɛm bɛn na asi?’ 
 20 Moab anim agu ase, efisɛ wɔabubu no pasaa; 
muntwa adwo na monteɛteɛ mu! 
Mommɔ dawuru wɔ Arnon ho se 
wɔasɛe Moab. 
 21 Atemmu aba bepɔw tamaa so 
wɔ Holon, Yahas ne Mefaat, 
 22 Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim 
 23 ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon 
 24 ne Keriot ne Bosra 
wɔ Moab nkurow nyinaa, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn. 
 25 Wɔatwa Moab mmɛn; 
na ne basa abu,” 
Awurade na ose. 
 26 “Momma no mmow nsa, 
efisɛ wabu Awurade animtiaa. 
Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu; 
momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw. 
 27 Ɛnyɛ Israel na na wudi ne ho fɛw? 
Wɔkyeree no akorɔmfo mu ana, 
a enti mowosow mo ti animtiaabu so 
bere biara a mobɛka ne ho asɛm? 
 28 Mumfifi mo nkurow so nkɔtena abotan mu, 
mo a motete Moab. 
Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne berebuw 
wɔ ɔbodan ano. 
 29 “Yɛate Moab ahantan no 
nʼahomaso ne gye a ogye ne ho di mmoroso; 
nʼahantan ne nʼahomaso, 
ne ne koma mu ahohoahoa. 
 30 Minim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” 
Awurade na ose, 
“na nʼahohoahoa mfa hwee mma. 
 31 Enti mitwa adwo ma Moab, 
misu teɛ mu ma Moabfo nyinaa, 
midi awerɛhow ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. 
 32 Misu ma mo sɛnea Yaser su, 
mo Sibma bobe. 
Mo mman dennan kɔɔ po ho pɛɛ; 
koduu Yaser po ho. 
Ɔsɛefo no abegu 
mo nnuaba a abere ne mo bobe no so. 
 33 Ahosɛpɛw ne anigye atu afi 
Moab nnuaba nturo ne mfuw so. 
Matwa nsa a ɛteɛ fi nsakyiamoa no so; 
obiara mmfa ahosɛpɛw ntiatia bobe no so. 
Ɛwɔ mu nteɛteɛmu wɔ hɔ de, 
nanso ɛnyɛ ahosɛpɛw nteɛteɛmu. 
 34 “Wɔn su ano den gyigye fi 
Hesbon kɔ Eleale ne Yahas, 
fi Soar de kosi Horonaim ne Eglat Selisiya, 
mpo, nsu a ɛwɔ Nimrim no ayow. 
 35 Moab mu, 
mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhuam 
a wɔhyew ma wɔn anyame no, bɛba awiei,” 
Awurade, na ose. 
 36 “Enti me koma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab; 
esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. 
Ahonyade a wɔpɛe no kɔ. 
 37 Wɔabɔ eti biara tikwaw 
na wɔayi abogyesɛ biara; 
nsa nyinaa ho ayɛ akamakam 
na atweaatam sisi obiara asen. 
 38 Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi 
ne ɔmanfo aguabɔbea nyinaa; 
biribiara nni hɔ sɛ awerɛhow, 
efisɛ mabubu Moab 
ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” 
Awurade na ose. 
 39 “Hwɛ sɛnea wabubu afa! Hwɛ sɛnea wɔretwa adwo! 
Na hwɛ sɛnea Moab de aniwu dan nʼakyi! 
Moab ayɛ nea wodi ne ho fɛw, 
ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.” 
 40 Sɛɛ na Awurade se: 
“Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam. 
Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so. 
 41 Wɔbɛfa Keriot nnommum 
na wɔafa nʼabandennen no. 
Saa da no Moab dɔmmarima koma 
betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so. 
 42 Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, 
efisɛ obuu Awurade animtiaa. 
 43 Ehu, nkonomoa ne afiri retwɛn mo, 
Moabfo,” 
Awurade na ose. 
 44 “Nea oguan nea ɛyɛ hu no 
bɛtɔ nkonomoa mu, 
nea ɔbɛforo afi nkonomoa no mu no 
afide beyi no; 
na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” 
Awurade na ose. 
 45 “Hesbon nwini ase 
na aguanfo no gyinagyina a wonni mmoa biara, 
efisɛ ogya bi atu afi Hesbon; 
ogyaframa bi fi Sihon mfimfini; 
ɛhyew Moab moma, 
ne ahohoahoafo a wɔn ano yɛ den no ti koraa. 
 46 Nnome nka wo, wo Moab! 
Wɔasɛe Kemos nkurɔfo no; 
wɔde wo mmabarima kɔ nnommum mu 
na wo mmabea nso kɔ nkoasom mu. 
 47 “Nanso mede Moab adenya bɛsan ama no 
wɔ nna a ɛbɛba no mu,” 
Awurade na ose. 
Moab atemmu no awiei ni.