47
Nsɛm A Ɛfa Filistifo Ho 
 1 Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn: 
 2 Sɛɛ na Awurade se: 
“Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam; 
ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so. 
Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so, 
nkurow no ne nnipa a wɔtete mu. 
Nnipa no bɛteɛteɛ mu; 
wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo 
 3 bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei, 
na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye 
ne wɔn ntwahonan nnyigyei no. 
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; 
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa. 
 4 Na da no aba 
sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa 
na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, 
wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. 
Awurade rebɛsɛe Filistifo no, 
nkae a wofi Kreta mpoano no. 
 5 Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo; 
wɔbɛma Askelon atɔ mum. 
Mo nkae a mowɔ tataw so, 
mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn? 
 6 “ ‘Aa, Awurade afoa,’ 
‘da bɛn na wobɛhome? 
San kɔhyɛ wo boha mu; 
gyae na da komm.’ 
 7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm 
bere a Awurade ahyɛ no 
bere a wahyɛ no se 
ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”