Nnwom Mu Dwom  
 1
 1 Salomo nnwom mu dwom. 
Ababaawa: 
 2 Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano, 
ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa. 
 3 Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka 
wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie. 
Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ! 
 4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! 
Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam. 
Nnamfonom 
Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho. 
Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. 
Ababaawa: 
Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no! 
 5 Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, 
Ao, Yerusalem mmammaa, 
mobiri te sɛ Kedar ntomadan, 
te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam! 
 6 Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti, 
ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa. 
Memaa mmammarima bo fuu me 
enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so; 
na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo. 
 7 Kyerɛ me me dɔfoɔ, 
faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi 
na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home. 
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim 
wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho? 
Nnamfonom 
 8 Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no, 
fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so 
na fa wo mpapo mma kɔ adidi 
wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho. 
Aberanteɛ: 
 9 Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ 
a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho. 
 10 Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ, 
na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo. 
 11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ 
a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo. 
Ababaawa: 
 12 Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no, 
nʼaduhwam hwa no gyee hɔ. 
 13 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo* 1.13 Krobo yɛ aduhwam bi a wɔnya firi “balsam” dua a ebi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ hwam. toa 
a ɛda me nufu ntam. 
 14 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm 
wɔ En-Gedi† 1.14 En-Gedi yɛ kwaeɛ a ɛwɔ ɛserɛ so wɔ Nkyene Po atɔeɛ fam a afifideɛ a ɛyɛ hwam bebree wɔ. bobe turo mu. 
Aberanteɛ: 
 15 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! 
Ao, ahoɔfɛ nie 
wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma. 
Ababaawa 
 16 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! 
Ao, ahoɔfɛ nie 
yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ. 
Aberanteɛ: 
 17 Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro; 
yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.