Numeri 
Anaasɛ 
Mose Nwoma A Ɛtɔ So Ɛnan  
 1
Nnipakan 
 1  Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ:  2 “Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din.  3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa.  4 Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo. 
 5 “Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie: 
“Ruben abusuakuo no ntuanoni yɛ Sedeur babarima Elisur; 
 6 Simeon abusuakuo no ntuanoni yɛ Surisadai babarima Selumiel; 
 7 Yuda abusuakuo no ntuanoni yɛ Aminadab babarima Nahson; 
 8 Isakar abusuakuo no ntuanoni yɛ Suar babarima Netanel; 
 9 Sebulon abusuakuo no ntuanoni yɛ Helon babarima Eliab; 
 10 Yosef mmammarima no: 
Efraim abusuakuo no ntuanoni yɛ Amihud babarima Elisama; 
Manase abusuakuo no ntuanoni yɛ Pedahsur babarima Gamaliel; 
 11 Benyamin abusuakuo ntuanoni yɛ Gideoni babarima Abidan; 
 12 Dan abusuakuo ntuanoni yɛ Amisadai babarima Ahieser; 
 13 Aser abusuakuo ntuanoni yɛ Okran babarima Pagiel; 
 14 Gad abusuakuo ntuanoni yɛ Deguel babarima Eliasaf; 
 15 Naftali abusuakuo ntuanoni yɛ Enan babarima Ahira.” 
 16 Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no. 
 17 Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi,  18 na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako  19 sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai ɛserɛ so. 
 20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  21 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500). 
 22 Simeon asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  23 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300). 
 24 Gad asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  25 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Gad abusuakuo mu yɛ mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650). 
 26 Yuda asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  27 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu yɛ mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600). 
 28 Isakar asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  29 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400). 
 30 Sebulon asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  31 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Sebulon abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum nson ne ahanan (57,400). 
 32 Yosef mmammarima no: 
Efraim asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  33 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Efraim abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500). 
 34 Manase asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  35 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu (32,200). 
 36 Benyamin asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  37 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa enum ne ahanan (35,400). 
 38 Dan asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  39 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo no mu yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700). 
 40 Aser asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  41 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Aser abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan baako ne ahanum (41,500). 
 42 Naftali asefoɔ: 
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.  43 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400). 
 44 Yeinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuo dumienu no ntuanofoɔ kan wɔn.  45 Israelfoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no a wɔbɛtumi adɔm Israel akodɔm no nso, wɔgyinaa wɔn mmusua so kan wɔn.  46 Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem ahansia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum (603,550). 
 47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuo no deɛ, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho.  48 Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ,  49 “Nkan Lewifoɔ abusuakuo no, na mfa wɔn nka Israelfoɔ a wɔaka no ho.  50 Fa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwumadie hyɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne deɛ ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho.  51 Ɛberɛ biara a ɛsɛ sɛ wɔtu Ahyiaeɛ Ntomadan no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu, na baabiara a wɔde bɛsi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn ho no, wɔbɛkum no.  52 Israel abusuakuo biara bɛnya nʼatenaeɛ ne ne frankaa.  53 Lewifoɔ no bɛsisi wɔn ntomadan atwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ahyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ remma Israelfoɔ no so. Lewifoɔ no na wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.” 
 54 Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.