Odiyifoɔ 
Nahum 
Nwoma  
 1
 1 Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho. 
Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe 
 2  Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, 
Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. 
Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ 
na nʼabufuo tena wɔn so. 
 3  Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so, 
na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. 
Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, 
omununkum yɛ ne nan ase mfuturo. 
 4 Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; 
ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. 
Basan ne Karmel twintwam 
na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa. 
 5 Mmepɔ woso biribiri nʼanim 
na nkokoɔ nane. 
Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa 
woso nʼanim. 
 6 Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? 
Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? 
Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; 
abotan yam wɔ nʼanim. 
 7  Awurade yɛ, 
ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea. 
Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so. 
 8 Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so 
bɛma Ninewe aba awieeɛ. 
Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu. 
 9 Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, 
ɔbɛsɛe no; 
ɔhaw biara remma ne mprenu so. 
 10 Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho, 
na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no 
wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano. 
 11 Ao, Ninewe, wo mu na 
deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade 
na ɔtu fo bɔne no firie. 
 12 Deɛ Awurade seɛ nie: 
“Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ, 
nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. 
Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so, 
nanso merenyɛ saa bio. 
 13 Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu 
na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.” 
 14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: 
“Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so. 
Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo 
a ɛsisi wʼabosonnan mu no. 
Mɛsiesie wʼadamena 
ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.” 
 15 Hwɛ mmepɔ no so, 
deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn 
ɔno na ɔka asomdwoesɛm! 
Ao, Yuda di wʼafahyɛ na 
di wɔ bɔhyɛ so. 
Nnipa bɔne rentu wo so sa bio; 
Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.