Odiyifoɔ 
Mika 
Nwoma  
 1
 1  Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika* 1.1 Mika asekyerɛ ne “Hwan na ɔte sɛ Awurade.” Samaria ne Yerusalem: Saa nkuropɔn mmienu yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmuo a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman mmienu no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho. ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho. 
 2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, 
montie, asase ne mo a mote so nyinaa. 
Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, 
ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu. 
Atemmuo A Ɛtia Samaria Ne Yerusalem 
 3 Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; 
ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so. 
 4 Mmepɔ nane wɔ nʼase, 
mmɔnhwa mu paepae 
te sɛ ama a aka ogya, 
te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so. 
 5 Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, 
ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. 
Yakob nnebɔne ne sɛn? 
Ɛnyɛ Samaria anaa? 
Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? 
Ɛnyɛ Yerusalem anaa? 
 6 “Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie, 
baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. 
Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu 
ama ne fapem ho ada hɔ. 
 7 Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini; 
wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa. 
Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa. 
Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa 
ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti 
wɔde bɛma adwamanfoɔ.” 
Osu Ne Awerɛhoɔ 
 8 Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; 
mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. 
Mɛpɔ so sɛ odompo 
na masu sɛ ɔpatuo. 
 9 Nʼapirakuro no wuo ayɛ den; 
abɛduru Yuda. 
Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano 
mpo aduru Yerusalem ankasa. 
 10 Monnka no wɔ Gat 
monnsu koraa 
Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ 
monyantam mfuturo mu. 
 11 Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu, 
mo a mote Safir. 
Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue 
Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu; 
ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ. 
 12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu 
de twɛn mmoa, 
ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba 
abɛduru Yerusalem ɛpono ano. 
 13 Mo a mote Lakis, 
monsiesie nteaseɛnam no. 
Mo ne bɔne farebae 
ma Ɔbabaa Sion, 
na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu. 
 14 Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat, 
Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo. 
 15 Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo 
mo a mote Maresa. 
Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no 
bɛba Adulam. 
 16 Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ, 
wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; 
mommɔ tikwa te sɛ ɔpete, 
ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn 
akɔ nnommumfa mu. 
*1:1 1.1 Mika asekyerɛ ne “Hwan na ɔte sɛ Awurade.” Samaria ne Yerusalem: Saa nkuropɔn mmienu yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmuo a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman mmienu no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho.