Odiyifoɔ 
Amos 
Nwoma  
 1
 1 Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no. 
 2 Ɔkaa sɛ: 
“Awurade bobom firi Sion bepɔ so 
na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; 
nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye 
na Karmel atifi nso kusa.” 
Atemmuo A Ɛfa Amanamanmufoɔ Ahodoɔ Ho 
 3 Deɛ Awurade seɛ nie: 
“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so 
ɛno enti, merennane mʼabufuo. 
Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se 
dwerɛɛ Gilead. 
 4 Mede ogya bɛto Hasael efie 
na ahye Ben-Hadad aban no. 
 5 Mɛbubu Damasko apono, 
na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no 
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no. 
Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,” 
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 
 6 Deɛ Awurade seɛ nie: 
“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, 
ɛno enti, merennane mʼabufuo no. 
Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum 
na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ. 
 7 Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu, 
na ahye nʼaban no. 
 8 Mɛsɛe Asdod ɔhene no 
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. 
Mɛdane me nsa atia Ekron, 
kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” 
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 
 9 Deɛ Awurade seɛ nie: 
“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, 
ɛno enti, merennane mʼabufuo. 
Ɔfaa ɔman mu no nnommum 
na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ, 
a wankae onuadɔ apam. 
 10 Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu, 
na ahye nʼaban.” 
 11 Deɛ Awurade seɛ nie: 
“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, 
ɛno enti, merennane mʼabufuo. 
Ɔde akofena taataa ne nua, 
a wannya ayamhyehyeɛ biara. 
Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ 
na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano. 
 12 Mede ogya bɛto Teman mu, 
na ahye Bosra aban.” 
 13 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: 
“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, 
ɛno enti, merennane mʼabufuo. 
Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu 
de trɛɛ nʼahyeɛ mu. 
 14 Mede ogya bɛto Raba afasuo mu 
na ahye nʼaban 
wɔ ɔko da mu nteateam 
ne ahum da ntwaho mframa mu. 
 15 Na ne ɔhene ne mmapɔmma 
bɛbom akɔ nnommumfa mu,” 
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.