Odiyifo 
Sefania 
Nhoma  
 1
 1  Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so. 
Atemmu A Etia Yuda 
 2 “Mɛpra biribiara afi asase so” 
nea Awurade se ni, 
 3 “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; 
mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim 
ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa. 
Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara, 
sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,” 
nea Awurade se ni. 
 4 “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda 
ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; 
na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, 
na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din 
 5 wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi, 
de sɔre abɔde a ɛwɔ wim, 
wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam 
na wɔde Molek nso ka ntam, 
 6 wɔn nso a wogyae Awurade akyidi 
na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.” 
 7 Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, 
efisɛ, Awurade da no abɛn. 
Awurade asiesie afɔrebɔde; 
wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho. 
 8 “Awurade afɔrebɔ da no, 
mɛtwe mmapɔmma 
ne ahenemma 
ne wɔn a wɔhyehyɛ 
ananafo ntade nyinaa aso. 
 9 Saa da no mɛtwe wɔn 
a wɔkwati apongua no nyinaa aso. 
Wɔn a wɔde akakabensɛm 
ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no. 
 10 “Saa da no,” 
sɛnea Awurade se ni, 
“Osu befi Mpataa Pon ano, 
agyaadwotwa befi Atenae Foforo 
na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba. 
 11 Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no 
wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase, 
dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. 
 12 Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu 
na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso, 
wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no, 
a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hwee 
sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’ 
 13 Wɔbɛfom wɔn ahonyade, 
na wɔabubu wɔn afi agu. 
Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu 
wɔbɛyɛ bobe mfuw 
nanso wɔrennom mu nsa.” 
Awurade Da Kɛse No 
 14  Awurade da kɛse no abɛn, 
abɛn na ɛreba ntɛm so. 
Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw, 
ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara. 
 15 Saa da no bɛyɛ abufuw da, 
ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da; 
ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da, 
ɛyɛ esum ne kusukuukuu da 
ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da, 
 16 ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu 
a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ 
ne ntwɔtwɔw so abantenten da. 
 17 “Mede awerɛhow bɛba nnipa no so 
na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo, 
efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. 
Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma, 
na wɔn ayamde nso sɛ atantanne. 
 18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ 
rentumi nnye wɔn nkwa 
wɔ Awurade abufuw da no.” 
Ne ninkutwe mu gya no 
bɛhyew ɔman no nyinaa, 
na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa 
aba awiei mpofirim.