Odiyifo 
Hagai 
Nhoma  
 1
Asɔredansi Ho Nkaebɔ 
 1 Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua.  2 Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Nnipa no reka se, ‘Bere no nya nnuu sɛ wosi Awurade fi no.’ ” 
 3 Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifo Hagai so:  4 “Saa bere yi a me fi yi abubu yi na mo de, motete mo afi a wɔaduradura mu yi ana?” 
 5 Asɛm a, Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.  6 Muduaa bebree, nanso mutwaa kakraa bi. Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntade, nanso ɛnka mo hyew. Munya akatua, na mode gu sika nkotoku a wɔatutu mu atokuru mu.” 
 7 Asɛm a Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.  8 Afei momforo nkɔ nkoko no atifi, na momfa nnua mmra mmesi me fi no. Na mʼani begye ho, na wɔahyɛ me anuonyam.” Saa na Awurade ka.  9 “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mihuw gui. Dɛn ntia?” Efisɛ, “me fi abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “bere a mo ani abere resisi mo afi no.  10 Mo nti na ɔsoro akyere obosu agyina, na asase nso akyere mo nnɔbae.  11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ, ensi mo mfuw ne nkoko* Nkoko—Wɔyɛ atrapoe sɛso a ɛtrɛw wɔn nkoko so na wɔatumi adɔw, adua, atwa. so; ɔpɛ a ɛbɛhyew mo atoko ne mo bobe ne mo ngodua ne mo nnɔbae, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ebesi mo ne mo anantwi mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.” 
Nkaebɔ No Sodi 
 12 Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a Awurade, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.  13 Na Hagai, Awurade somafo no, de saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn maa nkurɔfo no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade se.  14 Ɛno nti, Awurade kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Nyankopɔn, fi no ase,  15 wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so asia no da a ɛto so aduonu anan no.