Paulo Nhoma A Edi Kan A 
Ɔkyerɛw Kɔmaa 
Tesalonikafo  
 1
 1 Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, 
Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: 
Adom ne asomdwoe nka mo. 
Aseda 
 2 Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso.  3 Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim. 
 4 Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no.  5 Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛnea yɛboaa mo fae.  6 Musuasuaa yɛn ne Awurade; ɛwɔ mu sɛ muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no.  7 Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa agyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela nyinaa.  8 Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio.  9 Obiara kamfo sɛnea mugyee yɛn ne sɛnea motwee mo ho fii abosom ho kɔsom nokware Nyankopɔn a ɔte ase daa no,  10 na motwɛn ne Ba a ofi ɔsoro no; Yesu a onyan no fii awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.