Mose Nhoma A Ɛto So Anan 
Anaasɛ 
Numeri  
 1
Nnipakan 
 1  Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se:  2 “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din.  3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa.  4 Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo. 
 5 “Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni: 
“Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur; 
 6 Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel; 
 7 Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Aminadab babarima Nahson; 
 8 Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Suar babarima Netanel; 
 9 Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Helon babarima Eliab; 
 10 Yosef mmabarima no: 
Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama; 
Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel; 
 11 Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan; 
 12 Dan abusuakuw ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser; 
 13 Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel; 
 14 Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf; 
 15 Naftali abusuakuw ntuanoni ne Enan babarima Ahira.” 
 16 Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo. 
 17 Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi,  18 na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako,  19 sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so. 
 20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.  21 Nnipa dodow a wofi Ruben abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan asia ne ahannum (46,500). 
 22 Simeon asefo: 
Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te.  23 Nnipa dodow a wofi Simeon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300). 
 24 Gad asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  25 Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650). 
 26 Yuda asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  27 Nnipa dodow a wofi Yuda abusuakuw no mu no yɛ mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600). 
 28 Isakar asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  29 Nnipa dodow a wofi Isakar abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum anan ne ahannan (54,400). 
 30 Sebulon asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  31 Nnipa dodow a wofi Sebulon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum ason ne ahannan (57,400). 
 32 Yosef mmabarima no: 
Efraim asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  33 Nnipa dodow a wofi Efraim abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500). 
 34 Manase asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  35 Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu (32,200). 
 36 Benyamin asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  37 Nnipa dodow a wofi Benyamin abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa anum ne ahannan (35,400). 
 38 Dan asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  39 Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson (62,700). 
 40 Aser asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  41 Nnipa dodow a wofi Aser abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan baako ne ahannum (41,000). 
 42 Naftali asefo: 
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te.  43 Nnipa dodow a wofi Naftali abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400). 
 44 Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn.  45 Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn.  46 Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum (603,550). 
 47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho.  48 Na Awurade aka akyerɛ Mose se,  49 “Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho.  50 Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho.  51 Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no.  52 Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa.  53 Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.” 
 54 Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.