Odiyifo 
Nahum 
Nhoma  
 1
 1 Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho. 
Awurade Abufuw A Etia Ninewe 
 2  Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, 
Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. 
Awurade tɔ nʼatamfo so were, 
na nʼabufuw tena wɔn so. 
 3  Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so, 
na ɔtwe ɔfɔdifo aso. 
Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu, 
omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma. 
 4 Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow; 
ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow. 
Basan ne Karmel twintwam, 
na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa. 
 5 Mmepɔw wosow biribiri nʼanim 
na nkoko nan. 
Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa 
wosow nʼanim. 
 6 Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano? 
Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu? 
Nʼabufuw hwie te sɛ ogya; 
abotan yam wɔ nʼanim. 
 7  Awurade ye, 
ɔyɛ ahohia mu guankɔbea. 
Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so. 
 8 Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so 
bɛma Ninewe aba awiei. 
Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu. 
 9 Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, 
ɔbɛsɛe no; 
ɔhaw biara remma nto so mprenu. 
 10 Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho, 
na bere a wɔn nsa abow wɔn no 
wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano. 
 11 Ninewe, wo mu na 
nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade 
na otu fo bɔne no fi. 
 12 Nea Awurade se ni: 
“Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de, 
nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. 
Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so, 
nanso merenyɛ saa bio. 
 13 Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu 
na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.” 
 14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: 
“Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so. 
Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu 
a esisi wʼabosonnan mu no. 
Mesiesie wo da 
efisɛ woadan ayɛ atantanne.” 
 15 Hwɛ mmepɔw no so, 
nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn 
ɔno na ɔka asomdwoesɛm! 
Yuda di wʼafahyɛ na 
di wɔ bɔhyɛ so. 
Nnipabɔne rentu wo so sa bio; 
Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.