Ɛsra Nhoma  
 1
Yuda Nnommum No San Ba Yerusalem 
 1 Persiahene Kores afe a edi kan no mu no, Awurade kaa Kores koma ma ɔkyerɛw saa dawubɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman no nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. 
 2 Sɛnea Persiahene Kores* Na Kores Ahemman no trɛw fi India kosi Misraim, ɛtoaa so fi Po Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kosi Etiopia. ka ni: 
Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.  3 Mo a moyɛ ne nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsan nkosi saa Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Nyankopɔn bɛka mo ho.  4 Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafo nkae no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafo no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantu nneɛma, nyɛmmoa ne koma pa mu afɔrebɔde a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantu no. 
 5 Na Onyankopɔn kaa Lewifo, Yuda ne Benyamin mmusuakuw ntuanofo no koma sɛ, wɔnsan mmra Yerusalem mmesiesie Awurade asɔredan no.  6 Na wɔn afipamfo boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛde pa bebree de kaa nea efi wɔn ankasa koma mu no ho. 
 7 Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenne a ɔhene Nebukadnessar tase fii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de koguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no bae.  8 Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wotwaa wɔn asu a wɔresan aba Yuda no panyin Sesbasar nsa. 
 9 Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe: 
| sikakɔkɔɔ nsiase | 30 | 
| dwetɛ nsiase | 1,000 | 
| dwetɛ ɔhyewsɛn | 29 | 
| 10 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ | 30 | 
| dwetɛ hweaseammɔ | 410 | 
| nneɛma a ɛkeka ho | 1,000 | 
 11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa hɔ no dodow yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan (5,400). 
*1:2 Na Kores Ahemman no trɛw fi India kosi Misraim, ɛtoaa so fi Po Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kosi Etiopia.