Dwom 84
Kora mma dwom. 
 1 Ao Asafo Awurade, 
wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka! 
 2 Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, 
sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ; 
mʼakoma ne me honam team 
frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ. 
 3 Mpo akasanoma anya fie, 
na asomfena nso anwono ne pirebuo, 
baabi a ɔbɛhwane ne mma 
wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, 
Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. 
 4 Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; 
na wɔkamfo wo din daa. 
 5 Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, 
na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo. 
 6 Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a, 
wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; 
osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so. 
 7 Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa, 
kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion. 
 8 Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ; 
Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me. 
 9 Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; 
fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no. 
 10 Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena 
yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; 
mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie 
sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu. 
 11 Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; 
Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; 
ɔremfa ade pa biara nkame 
wɔn a wɔteneɛ. 
 12 Ao Asafo Awurade, 
nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. 
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.