Dwom 76
Asaf dwom. 
 1 Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda; 
ne din so wɔ Israel. 
 2 Ne ntomadan si Salem, 
ne tenaberɛ wɔ Sion. 
 3 Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya, 
ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu. 
 4 Wo ho hann no hyerɛn, 
na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no. 
 5 Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, 
wɔadeda awufoɔ nna; 
na akofoɔ no mu baako mpo 
ntumi mpagya ne nsa. 
 6 Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no 
apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. 
 7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ. 
Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim? 
 8 Wobuu atɛn firii soro, 
asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn, 
 9 ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn, 
de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so. 
 10 Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo, 
na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. 
 11 Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so; 
momma nsase a atwa ne ho ahyia 
mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no. 
 12 Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase; 
na asase so ahemfo suro no. 
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun.