Dwom 45
Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom. 
 1 Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma 
ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; 
me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua. 
 2 Wodi mu wɔ mmarima mu 
na wɔde adom bi asra wʼano, 
ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti. 
 3 Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; 
fa animuonyam ne kɛseyɛ fira. 
 4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so 
wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu; 
ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi. 
 5 Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu; 
na ma amanaman nhwe wo nan ase. 
 6 Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa; 
tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma. 
 7 Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne. 
Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, 
na ɔde anigyeɛ ngo asra wo. 
 8 Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; 
sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu 
ma wʼani gye. 
 9 Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; 
wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. 
 10 Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; 
ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. 
 11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; 
di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura. 
 12 Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; 
mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo. 
 13 Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ 
wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu. 
 14 Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene; 
ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi 
na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. 
 15 Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; 
wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie. 
 16 Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu 
wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. 
 17 Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; 
ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. 
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.