3
Yerusalem Daakye 
 1 Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn 
atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi! 
 2 Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara 
ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu. 
Ɔmfa ne ho nto Awurade so. 
Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn. 
 3 Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu, 
ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo, 
a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ. 
 4 Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan; 
wɔyɛ afatwafoɔ. 
Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi. 
Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne. 
 5  Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni; 
ɔnnyɛ mfomsoɔ biara. 
Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi, 
na ɔnni hwammɔ da, 
nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo. 
 6 “Masɛe amanaman; 
madwiri wɔn abandenden agu. 
Wɔn mmorɔno so adeda mpan, 
a obiara ntwa mu hɔ. 
Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn; 
a obi biara renka. 
 7 Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, 
‘ampa ara wobɛsuro me 
na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ 
Na afei ne tenaberɛ rensɛe, 
na mʼasotwe biara nso remma ne so. 
Nanso, wɔn ho peree wɔn 
sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu. 
 8 Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, 
“na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. 
Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman 
ne ahennie ano 
na mahwie mʼabufuo agu wɔn so 
mʼabufuhyeɛ nyinaa. 
Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, 
asase nyinaa bɛhye. 
 9 “Afei mɛdwira nnipa no ano, 
na wɔn nyinaa abɔ Awurade din 
na wɔaka abɔ mu asom no. 
 10 Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no 
bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa 
de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me. 
 11 Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase 
wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho, 
ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu, 
wɔn a wodi ahantan mu ahurisie 
na worenyɛ ahantan bio 
wɔ me bepɔ kronkron no so. 
 12 Nanso mɛgya wɔ wo mu 
wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, 
na wɔde wɔn ho to Awurade so. 
 13 Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne 
Wɔrenka nkontonpo nsɛm, 
na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm 
wɔbɛdidi na wɔada 
na obiara renyi wɔn hu.” 
 14 To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; 
team denden Ao, Israel! 
Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, 
Ao, Ɔbabaa Yerusalem! 
 15 Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, 
wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. 
Awurade Israelhene ka wo ho; 
worensuro ɔhaw biara bio. 
 16 Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ, 
“Mma nsuro, Ao Sion! 
Mma wo nsa mu nhodwo. 
 17  Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ, 
Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ. 
Nʼani bɛgye wo ho 
ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo, 
ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho. 
 18 “Mo awerɛhoɔ to bɛtwa 
ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no; 
mo anim rengu ase bio. 
 19 Saa ɛberɛ no me ne wɔn 
a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi; 
Mɛgye mmerɛyɛfoɔ 
na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. 
Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam 
asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so. 
 20 Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano, 
na mede wo aba fie. 
Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo 
wɔ asase so nnipa nyinaa mu 
na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo 
na wode wʼani bɛhunu,” 
sɛdeɛ Awurade ka nie.