8
 1 Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima 
a wonum me maame nufu ano, 
ɛna mehunuu wo wɔ abɔntene so a, 
anka mɛfe wʼano, 
a obiara ntumi mmu me animtiaa. 
 2 Anka mɛdi wʼanim 
na mede wo aba me maame efie, 
ɔno a woakyerɛkyerɛ me. 
Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, 
me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi. 
 3 Ne nsa benkum da mʼatikɔ 
na ne nsa nifa aka me afam ne bo. 
 4 Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ, 
morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu 
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. 
Nnamfonom: 
 5 Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a 
ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi? 
Ababaawa: 
Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase; 
ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ, 
ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ. 
 6 Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ, 
sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so, 
ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo, 
ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena. 
Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ, 
sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara. 
 7 Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ; 
nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ. 
Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a 
anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo. 
Nnamfonom: 
 8 Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a, 
ne nufu mmobɔeɛ. 
Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi 
wɔ da a wɔbɛbisa no ase? 
 9 Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a, 
yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban. 
Sɛ ɔyɛ ɛpono a, 
yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan. 
Ababaawa: 
 10 Meyɛ ɔfasuo, 
na me nufu te sɛ abantenten. 
Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a 
ɔde deɛ ɛsɔ ani reba. 
 11 Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon; 
ɔde ne bobeturo no maa apaafoɔ. 
Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no 
nnwetɛbena apem. 
 12 Nanso me bobeturo yi yɛ me dea. 
Me deɛ, meremfa mma; 
Salomo de ne deɛ gye nnwetɛbena apem, 
na ɔtua nʼapaafoɔ nnwetɛbena ahaanu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so. 
Aberanteɛ: 
 13 Wo a wote turo no mu 
ne nnamfonom a wɔka wo ho, 
ma mente wo nne. 
Ababaawa: 
 14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfoɔ, 
na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba 
anaasɛ ɔforoteɛ ba a 
ɔwɔ mmepɔ a nnuhwam ahyɛ so ma so.