5
Aberanteɛ: 
 1 Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; 
maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano. 
Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ; 
manom me bobesa ne me nufosuo. 
Nnamfonom: 
Ao, nnamfonom, monnidi na monnom; 
Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo. 
Ababaawa: 
 2 Medaeɛ nanso mʼakoma anna. 
Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu; 
“Bue me, me nuabaa, me dɔ, 
mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. 
Obosuo afɔ me tirim, 
anadwo mu bosuo afɔ me nwi.” 
 3 Maworɔ mʼatadeɛ, 
mensane mfa nhyɛ anaa? 
Mahohoro me nan ase, 
memma ho nyɛ fi bio anaa? 
 4 Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no 
mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu. 
 5 Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ, 
na me nsa ho kurobo 
ne me nsateaa ho aduhwam, 
yɛɛ apratwom no ho. 
 6 Mebue maa me dɔfoɔ no, 
nanso na ɔkɔ. 
Ne korɔ no maa me ho dwirii me. 
Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara. 
Mefrɛɛ no nanso wannye me so. 
 7 Awɛmfoɔ no hunuu me 
ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu. 
Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; 
wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ 
saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no! 
 8 Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo, 
sɛ mohunu me dɔfoɔ no a, 
asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? 
Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti. 
Nnamfonom: 
 9 Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, 
mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? 
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a 
enti wohyɛ yɛn sei? 
Ababaawa: 
 10 Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye, 
wɔfa mpemdu a ɔda mu fua. 
 11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa; 
ne tiri so nwi yɛ kuhaa, 
na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. 
 12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a 
ɔgyina asuwa bi ho; 
ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no, 
na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa. 
 13 Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ. 
Ɛho hwa te sɛ aduhwam. 
Nʼanofafa te sɛ sukooko 
a ɛsosɔ kurobo. 
 14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa 
a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu. 
Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho 
na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho. 
 15 Ne nan te sɛ abohemaa afadum a 
ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so. 
Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a 
ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro. 
 16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; 
ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. 
Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie, 
Ao, Yerusalem mmammaa.