Dwom 149
 1 Monkamfo Awurade. 
Monto dwom foforɔ mma Awurade, 
monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu. 
 2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu. 
Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu. 
 3 Ma wɔmfa asa nkamfo ne din 
na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no. 
 4 Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ; 
ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ. 
 5 Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu; 
na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so. 
 6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu 
na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam, 
 7 sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so 
ne asotwe wɔ nnipa no so, 
 8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, 
ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire, 
 9 sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no. 
Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam. 
Monkamfo Awurade.