Dwom 75
Asaf dwom. 
 1 Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, 
yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; 
nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ. 
 2 Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; 
ɛyɛ me na mebu atɛntenenee. 
 3 Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, 
me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. 
 4 Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ 
na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so. 
 5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; 
mommfa animtiabuo nkasa.’ ” 
 6 Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ 
anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so. 
 7 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: 
Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so. 
 8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam 
nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; 
ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa 
nom ma ɛka aseɛ puo. 
 9 Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; 
mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn. 
 10 Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, 
nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ. 
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.