Dwom 27
Dawid dwom. 
 1  Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ; 
hwan na mensuro no? 
Awurade ne me nkwa ahoɔden, 
na hwan anim na me ho mpopoɔ? 
 2 Sɛ nnipa bɔne toa me 
pɛ sɛ wɔkum me a, 
sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a 
wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase. 
 3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, 
mʼakoma rentu; 
mpo sɛ wɔtu me so sa a, 
ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu. 
 4 Adeɛ baako na mebisa Awurade; 
na ɛno na mehwehwɛ; 
sɛ mɛtena Awurade fie 
me nkwa nna nyinaa, 
na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ 
na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie. 
 5 Wɔ hia ɛda mu no 
ɔde me sie nʼatenaeɛ; 
ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. 
Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro. 
 6 Afei ɔbɛma me tiri so 
wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so; 
mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu; 
na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade. 
 7 Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me! 
Hu me mmɔbɔ na gye me so! 
 8 Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!” 
Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ. 
 9 Mfa wʼanim nhinta me, 
mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ 
me ɔboafoɔ ne wo. 
Mpo me na nnya me, 
Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn. 
 10 Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ, 
nanso Awurade bɛgye me. 
 11 Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade; 
fa me fa ɛkwan tee so, 
me nhyɛsofoɔ enti. 
 12 Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ, 
adansekurumfoɔ sɔre tia me 
na wɔpu awurukasɛm. 
 13 Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ: 
mɛhunu Awurade ayamyɛ 
wɔ ateasefoɔ asase so. 
 14 Twɛn Awurade. 
Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru 
na twɛn Awurade.