25
Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa 
 1 Na Suhini Bildad buaa sɛ, 
 2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; 
ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. 
 3 Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? 
Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ? 
 4 Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, 
na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ? 
 5 Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn 
na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a, 
 6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama, 
onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”