6
 1 Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion, 
ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so, 
mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu, 
a Israelfoɔ ba mo nkyɛn! 
 2 Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ. 
Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu, 
monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. 
Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no? 
Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa? 
 3 Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda 
na motwe Atemmuo da bɛn. 
 4 Modeda asonse mpa so 
mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu, 
na mowe nnwammaa ne 
anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam. 
 5 Mode mo sankuten to ahuhudwom, 
na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ 
mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid. 
 6 Monom nsã nkorama mu 
na mode sradehwam papa yɛ mo ho, 
na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho. 
 7 Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho; 
na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa. 
Awurade Kyiri Israel Ahomasoɔ 
 8 Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam 
na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: 
“Mekyiri Yakob ahomasoɔ 
na memmpɛ nʼaban; 
mede kuropɔn no bɛma 
ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.” 
 9 Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu.  10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din. 
 11 Na Awurade ahyɛ mmara 
na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini 
ne afie nketewa no nso mu nketenkete. 
 12 Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa? 
Na obi de nantwie funtum hɔ anaa? 
Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro. 
Na tenenee nso ayɛ nwononwono. 
 13 Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho, 
na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?” 
 14 Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ, 
deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”