Nnwom Mu Dwom  
 1
 1 Salomo nnwom mu dwom. 
Ababaa: 
 2 Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano, 
efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa. 
 3 Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye; 
wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie. 
Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo! 
 4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! 
Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu. 
Nnamfonom: 
Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho. 
Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa. 
Ababaa: 
Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no! 
 5 Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ, 
Yerusalem mmabea, 
mobiri te sɛ Kedar ntamadan, 
te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam! 
 6 Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti, 
efisɛ owia na ayɛ me saa. 
Me na mmabarima bu fuw me, 
enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so; 
na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo. 
 7 Kyerɛ me, me dɔfo, 
faako a wode wo nguankuw kɔ adidi 
na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home. 
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim 
wɔ wo nnamfonom nguankuw ho? 
Nnamfonom: 
 8 Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa, 
fa ɔkwan a nguan fa so so 
na fa wo mpapomma kɔ adidi 
wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho. 
Aberante: 
 9 Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere 
a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho. 
 10 Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ, 
na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo. 
 11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa 
a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo. 
Ababaa: 
 12 Bere a ɔhene te ne didipon ho no, 
nʼaduhuam hua no gyee hɔ. 
 13 Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow* Kurobow yɛ aduhuam bi a wonya fi “balsam” dua a bi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ huam. toa 
a ɛda me nufu ntam. 
 14 Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm 
wɔ En-Gedi† En-Gedi yɛ kwae a ɛwɔ sare so wɔ Nkyene Po atɔe fam a afifide a ɛyɛ huam bebree wɔ. bobeturo mu. 
Aberante: 
 15 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! 
Ao, ahoɔfɛ ni! 
Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma. 
Ababaa: 
 16 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! 
Ao, ahoɔfɛ ni! 
Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ. 
Aberante: 
 17 Yɛn fi mpuran yɛ sida; 
yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw.