52
 1 Nyan, nyan, Sion, 
hyɛ ahoɔden adurade no. 
Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ no 
Yerusalem kuropɔn kronkron no. 
Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu fi 
renwura wʼapon mu bio. 
 2 Poroporow wo ho mfutuma. 
Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem. 
Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu, 
Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum. 
 3 Na sɛɛ na Awurade se: 
“Wɔantɔn wo annye hwee, 
na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.” 
 4 Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: 
“Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; 
akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so. 
 5 “Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se. 
“Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa, 
na wɔn sodifo di fɛw,” 
Awurade na ose. 
“Da mu no nyinaa 
wɔkɔ so gu me din ho fi. 
 6 Enti me nkurɔfo behu me din; 
enti da no wobehu sɛ 
ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. 
Yiw, ɛyɛ me.” 
 7 Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no reba 
anammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so, 
wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, 
wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ, 
wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛm 
na wɔka kyerɛ Sion se, 
“Mo Nyankopɔn di hene.” 
 8 Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so; 
wɔbɔ mu de anigye teɛ mu. 
Sɛ Awurade san ba Sion a, 
wɔde wɔn ani behu. 
 9 Mommɔ mu ntue anigye nnwonto, 
mo Yerusalem nnwiriwii, 
efisɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfo werɛ 
wagye Yerusalem. 
 10  Awurade beyi ne basa kronkron no ho 
wɔ amanaman nyinaa anim 
na asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye. 
 11 Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ! 
Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew. 
Mumfi ho na mo ho ntew, 
mo a mukurakura Awurade nkuruwa. 
 12 Morentutu mmirika mfi ha 
anaa morenguan; 
efisɛ Awurade bedi mo anim, 
Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm. 
Ɔsomfo No Amanehunu Ne Nʼanuonyam 
 13 Hwɛ, me somfo bedi yiye 
wɔbɛma no so ayɛ no ɔkɛse. 
 14 Nea ɛmaa dodow a wohuu no ho dwiriw wɔn no, 
wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara de 
na nʼabɔsu sɛe a ɛnsɛ ɔdesani de, 
 15 saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiriw wɔn 
na ahemfo bemuamua wɔn ano, ne nti. 
Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, 
na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.