26
Ayeyi Dwom 
 1 Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: 
Yɛwɔ kuropɔn dennen; 
Onyankopɔn de nkwagye 
ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn. 
 2 Mummuebue apon no 
na atreneefo man no nhyɛn mu, 
ɔman nokwafo no. 
 3 Wobɛkora no so asomdwoe mu 
nea wasi nʼadwene pi, 
efisɛ ɔde ne ho to wo so. 
 4 Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, 
efisɛ, Awurade, Awurade yɛ daa Botan. 
 5 Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, 
na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; 
obubu gu fam pasaa 
ma ɛda mfutuma mu. 
 6 Anammɔn tiatia so, 
wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔn 
ahiafo anammɔntu. 
 7 Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa; 
wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom. 
 8 Yiw, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi, 
yɛretwɛn wo; 
na wo din ne ne kɛseyɛ 
yɛ nea yɛn koma pɛ. 
 9 Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; 
anɔpa nso me honhom ani gyina wo. 
Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a, 
nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ. 
 10 Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de, 
nanso wonsua treneeyɛ; 
na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne 
na wommu Awurade kɛseyɛ. 
 11 Ao Awurade, wɔama wo nsa so kɔ soro, 
nanso wonhu. 
Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu; 
ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn. 
 12  Awurade, woama yɛn asomdwoe; 
nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn. 
 13  Awurade yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so, 
nanso wo din nko ara na yɛ kamfo. 
 14 Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; 
ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre. 
Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔn 
wɔama yɛn werɛ afi wɔn. 
 15 Woama ɔman no ayɛ kɛse, Awurade; 
woama ɔman no ayɛ kɛse; 
woahyɛ wo ho anuonyam; 
woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu. 
 16  Awurade, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn; 
bere a wotwee wɔn aso no, 
na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae. 
 17 Sɛnea ɔpemfo a awo aka no 
fi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no, 
saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, Awurade. 
 18 Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw mu 
nanso yɛwoo mframa. 
Yɛamfa nkwagye amma asase so; 
wɔanwo nnipa amma asase so. 
 19 Nanso wʼawufo benya nkwa; 
wɔn nipadua bɛsɔre. 
Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no, 
nsɔre mfa anigye nteɛ mu. 
Mo bosu te sɛ anɔpa bosu; 
asase beyi nʼafunu apue. 
 20 Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan mu 
na montoto apon no mu; 
momfa mo ho nsie bere tiaa bi 
kosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo. 
 21 Hwɛ, Awurade refi nʼatenae 
abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. 
Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi; 
ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio.