36
Esau Asefo 
 1 Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo. 
 2 Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne  3 Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea. 
 4 Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.  5 Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no. 
 6 Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri.  7 Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so.  8 Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so. 
 9 Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no. 
 10 Esau mmabarima no din na edidi so yi: 
Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima. 
 11 Elifas nso mmabarima din na edidi so yi: 
Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.  12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom. 
 13 Reuel mmabarima din na edidi so yi: 
Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom. 
 14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom: 
Yeus, Yalam ne Kora. 
 15 Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw: 
Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi: 
Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas,  16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom. 
 17 Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi: 
Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom. 
 18 Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi: 
Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no. 
 19 Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no. 
 20 Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no: 
Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,  21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no. 
 22 Lotan mmabarima ne eyinom: 
Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea. 
 23 Sobal nso mmabarima ne eyinom: 
Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. 
 24 Na eyinom ne Sibeon mmabarima: 
Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no. 
 25 Ana mma ni: 
Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no. 
 26 Disan mmabarima ni: 
Hemdan, Esban, Yitran ne Keran. 
 27 Eser mmabarima ne eyinom: 
Bilhan, Saawan ne Akan. 
 28 Eyinom ne Disan mma: 
Us ne Aran. 
 29 Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw: 
Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,  30 Disan, Eser ne Disan. 
Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so. 
Edom Ahemfo 
 31 Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene: 
 32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba. 
 33 Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene. 
 34 Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene. 
 35 Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit. 
 36 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene. 
 37 Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene. 
 38 Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene. 
 39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea. 
 40 Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni: 
Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua, 
 41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua, 
 42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua, 
 43 Magdiel abusua ne Iram abusua. 
Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe. 
Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.