Dwom 95
 1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade; 
momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no. 
 2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, 
na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so. 
 3 Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, 
ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so. 
 4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, 
na mmepɔ mpampam wɔ no. 
 5 Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ, 
na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no. 
 6 Mommra mma yɛnkoto nsom no. 
Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim! 
 7 Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn; 
yɛyɛ nʼadidibea nnipa, 
ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so. 
Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, 
 8 mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no, 
sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no, 
 9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ, 
a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn. 
 10 Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan 
na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, 
na wɔanhunu mʼakwan.” 
 11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, 
“Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.”