Dwom 49
Kora mma dwom. 
 1 Nnipa nyinaa, montie; 
monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa, 
 2 deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu, 
adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa. 
 3 Mʼano bɛka anyansasɛm; 
nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu. 
 4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; 
na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase. 
 5 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, 
ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia, 
 6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ 
na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho? 
 7 Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa 
na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn. 
 8 Nkwa ho mpata boɔ yɛ den, 
sika biara rentumi ntɔ, 
 9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ 
a ɔrenhunu porɔeɛ. 
 10 Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu; 
saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo 
na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ. 
 11 Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. 
Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, 
wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi. 
 12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; 
ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara. 
 13 Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die, 
ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ. 
 14 Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu, 
na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane. 
Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa; 
wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu, 
na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware. 
 15 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu; 
ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. 
 16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; 
na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo; 
 17 ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ, 
nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu. 
 18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, 
ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie, 
 19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, 
wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no. 
 20 Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no, 
ɔte sɛ aboa a ɔwuo.