Odiyifoɔ 
Yoɛl 
Nwoma  
 1
 1  Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie. 
Ɛda A Ntutummɛ No Bɛba 
 2 Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ; 
montie, mo a mote asase no so nyinaa. 
Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so 
anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn? 
 3 Monka nkyerɛ mo mma, 
na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma 
na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no. 
 4 Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no 
ntutummɛ akɛseɛ no awe 
deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no 
ntutummɛ nkumaa no awe 
deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no 
ntutummɛ afoforɔ awe. 
 5 Mo asabofoɔ, monyane, na monsu! 
Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo; 
montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no 
wɔayi afiri mo ano. 
 6 Ɔman bi atu mʼasase so sa 
ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn; 
wɔn se te sɛ gyata se 
na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ. 
 7 Wɔasɛe me bobe 
ne me borɔdɔma nnua. 
Wawaawae nnua no ho bona, 
ato agu 
agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ. 
 8 Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma 
na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu. 
 9 Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ, 
wɔayi afiri Awurade efie. 
Asɔfoɔ no retwa adwoɔ, 
wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no. 
 10 Mfuo asɛe, 
asase no so awo wesee 
aduane no asɛe 
nsã foforɔ no awe 
ngo nyinaa asa. 
 11 Mo ani nwu, mo akuafoɔ, 
mo ntwa adwo, mo a modua bobe; 
Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ, 
ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe. 
 12 Bobe no akusa 
na borɔdɔma nnua no awuwu. 
Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne 
nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. 
Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no 
atu ayera. 
 13 Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ; 
mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo. 
Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ 
mo a mosom Onyankopɔn anim; 
ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no 
ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie. 
 14 Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro; 
momfrɛ nhyiamu kronkron. 
Monfrɛ mpanimfoɔ 
ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa 
mmra Awurade mo Onyankopɔn efie 
na wɔmmesu mfrɛ Awurade. 
 15 Ɛda no aba! 
Awurade ɛda no abɛn; 
Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ. 
 16 Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na, 
sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa 
wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa? 
 17 Aba no wu wɔ asase wesee mu, 
adekoradan abubu, 
aburopata nso ho nni mfasoɔ, 
ɛfiri sɛ nnuane no ahye. 
 18 Sɛdeɛ anantwie su! 
Na anantwikuo kyinkyini kwa. 
Nnwankuo mpo rebrɛ 
ɛfiri sɛ wɔnni adidibea. 
 19  Awurade, wo na mesu frɛ wo, 
ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea 
na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa. 
 20 Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. 
Nsuwansuwa awewe, 
na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.