9
Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn 
 1 Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam. 
 2 Nnipa a wɔnam sum mu 
ahunu hann kɛseɛ; 
wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no, 
hann bi apue wɔn so. 
 3 Woatrɛ ɔman no mu; 
woama wɔn ani agye mmoroso; 
wɔdi ahurisie wɔ wʼanim 
sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ, 
sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn 
wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ. 
 4 Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no, 
saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no; 
saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma 
a ɛda wɔn mmatire so. 
 5 Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa 
ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no 
wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye. 
Wɔde bɛsɔ ogya. 
 6 Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn, 
wɔama yɛn ɔbabanin, 
na amammuo no bɛda ne mmati so. 
Na wɔbɛfrɛ no 
Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn, 
Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura. 
 7 Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ 
bɛtena hɔ daa. 
Ɔbɛtena Dawid ahennwa so 
abu nʼahennie, 
Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ 
bɛhyɛ aseɛ na wama atim 
afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem. 
Asafo Awurade mmɔdemmɔ 
bɛyɛ yei. 
Awurade Abufuo A Ɛtia Israel 
 8 Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no, 
na ɛbɛka Israel. 
 9 Nnipa no nyinaa bɛhunu, 
Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria 
a wɔde ahohoahoa 
ne ahomasoɔ akoma kasa no, 
 10 “Ntayaa no abubu agu fam 
nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio. 
Wɔabubu borɔdɔma nnua no 
nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.” 
 11 Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn, 
na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran. 
 12 Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam, 
Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam, 
abue wɔn anom amene Israel. 
Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ 
na ne nsa da so wɔ soro. 
 13 Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, 
na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso. 
 14 Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho 
na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa; 
 15 mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no, 
na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no. 
 16 Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, 
na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan. 
 17 Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, 
na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ 
ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. 
Ano biara ka ahuhusɛm. 
Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, 
na ne nsa da so wɔ soro. 
 18 Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; 
ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, 
ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, 
na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro. 
 19 Asafo Awurade abufuo so enti, 
asase no bɛkyene 
na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; 
na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no. 
 20 Nifa so, wɔbɛfom aduane adi, 
nanso ɛkɔm bɛde wɔn; 
benkum so, wɔbɛdidi, 
nanso wɔremmee. 
Obiara bɛwe ne ba ɛnam. 
 21 Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase 
na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. 
Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ, 
na wama ne nsa so ayɛ krado.