Dwom 12
Dawid dwom. 
 1 Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; 
nokwafo ayera wɔ nnipa mu. 
 2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; 
wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. 
 3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano 
ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene; 
 4 nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; 
yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?” 
 5 “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni 
ne ohiani apinisi no nti, 
mɛsɔre afei,” Awurade na ose. 
“Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.” 
 6  Awurade asɛm yɛ nokware 
te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, 
na wɔahoa ho mpɛn ason. 
 7  Awurade, wobɛkora mmɔborɔni 
na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ. 
 8 Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, 
bere a adesamma de nidi ma afide. 
Wɔde ma dwonkyerɛfo.