15
Ɔyaredɔm 
 1 Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ.  2 Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no.  3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ, 
“Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, 
wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa 
Amansanhene 
Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ. 
 4 Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? 
Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? 
Wo nko na woyɛ kronkron. 
Aman nyinaa bɛba 
abɛsom wɔ wʼanim, 
ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.” 
 5 Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu.  6 Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so.  7 Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma.  8 Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.