5
Aberante: 
 1 Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo; 
maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano. 
Madi me wokyɛm ne ɛwo; 
manom me bobesa ne me nufusu. 
Nnamfonom: 
Nnamfonom, munnidi na monnom; 
Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ. 
Ababaa: 
 2 Medae, nanso me koma anna. 
Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu; 
“Bue me, me nuabea, me dɔ, 
mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. 
Obosu afɔw me tirim, 
anadwo mu bosu afɔw me nwi.” 
 3 Maworɔw mʼatade, 
mensan mfa nhyɛ ana? 
Mahohoro mʼanan ase, 
memma ho nyɛ fi bio ana? 
 4 Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon no 
me koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu. 
 5 Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo, 
na me nsa ho kurobow 
ne me nsateaa ho aduhuam, 
yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho. 
 6 Mibue maa me dɔfo no, 
nanso na ɔkɔ. 
Ne kɔ no maa me ho dwiriw me. 
Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara. 
Mefrɛɛ no nanso wannye me so. 
 7 Awɛmfo no huu me 
bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu. 
Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; 
woyii mʼatade kɔe; 
saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no! 
 8 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo, 
sɛ muhu me dɔfo no a, 
asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? 
Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw. 
Nnamfonom: 
 9 Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo, 
mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? 
Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a 
enti wohyɛ yɛn sɛɛ? 
Ababaa: 
 10 Me dɔfo ho twa na ogyigye, 
wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko. 
 11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; 
ne ti so nwi yɛ kuhaa, 
na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. 
 12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a 
ogyina asuwa bi ho; 
ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no, 
na etuatua hɔ sɛ abohemaa. 
 13 Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ. 
Ɛho hua te sɛ aduhuam. 
Nʼanofafa te sɛ sukooko 
a ɛsosɔ kurobow. 
 14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa 
a wɔde sikabereɛbo asisi mu. 
Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw ho 
na wɔde hoabo adura ho. 
 15 Nʼanan te sɛ abohemaa afadum a 
esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so. 
Ne bɔbea te sɛ Lebanon a 
ɔyɛ sononko sɛ ne sida. 
 16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; 
ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. 
Me dɔfo ni, mʼadamfo ni, 
Yerusalem mmabea.