7
Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ 
 1 Me ba, fa me nsɛm sie 
na kora mʼahyɛde wɔ wo mu. 
 2 Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; 
bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no. 
 3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; 
kyerɛw no yiye gu wo koma pon so. 
 4 Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” 
na frɛ ntease wo busuani; 
 5 Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, 
afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho. 
 6 Me fi mfɛnsere ano, 
mede mʼani faa mfɛnsere mu. 
 7 Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, 
mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, 
ɔbabun a onni adwene. 
 8 Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so 
a nʼani kyerɛ ɔbea no fi 
 9 bere a onwini redwo, 
na anim rebiribiri no. 
 10 Afei ɔbea bi fi behyiaa no a 
wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu. 
 11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, 
ɔntena fie koraa; 
 12 nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, 
ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.) 
 13 Osoo ne mu few nʼano, 
wamfɛre, na ɔkae se, 
 14 “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; 
nnɛ madi me bɔhyɛ so. 
 15 Enti mebae sɛ merebehyia wo; 
mehwehwɛɛ wo na mahu wo! 
 16 Mato me mpa, 
mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim. 
 17 Mede nnuhuam apete me mpa so: 
kurobow, pɛprɛ ne dupapo. 
 18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa; 
 19 Me kunu nni fie; 
watu kwan na ɔbɛkyɛ. 
 20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma 
na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.” 
 21 Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; 
ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae. 
 22 Odii nʼakyi prɛko pɛ 
te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, 
anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu 
 23 kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, 
te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu 
na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa. 
 24 Na afei, me mma, muntie me; 
monyɛ aso mma nea meka. 
 25 Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so 
na momman mmfa nʼakwan so. 
 26 Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; 
wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara. 
 27 Ne fi yɛ ɔda tempɔn a 
ɛkɔ owu pia mu.