4
Pere Hwehwɛ Nyansa 
 1 Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ; 
monyɛ aso na moanya ntease. 
 2 Mema mo adesua a ɛkɔ anim, 
enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu. 
 3 Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima, 
meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho. 
 4 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, 
“Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, 
di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa. 
 5 Nya nyansa, nya ntease; 
mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho. 
 6 Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; 
dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so. 
 7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. 
Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease. 
 8 Di no ni na ɛbɛma wo so; 
yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam. 
 9 Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so 
na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.” 
 10 Me ba, tie na fa nea meka no, 
na wo nkwanna bɛyɛ bebree. 
 11 Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so 
na mede wo afa akwan a ɛteɛ so. 
 12 Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa 
na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw. 
 13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu, 
bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa. 
 14 Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so 
na nnantew abɔnefo kwan so. 
 15 Kwati no, ntu kwan mfa so; 
dan fi so na kɔ wo kwan. 
 16 Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna; 
na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase. 
 17 Wodi amumɔyɛsɛm brodo, 
na wɔnom kitikitiyɛ nsa. 
 18 Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan, 
ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee. 
 19 Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii; 
wonnim nea ɛma wohintiw. 
 20 Me ba, yɛ aso ma nea meka; 
tie me nsɛm no yiye. 
 21 Mma emfi wʼani so, 
fa sie wo koma mu; 
 22 efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu 
ne akwahosan ma nipadua no nyinaa. 
 23 Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban, 
efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti. 
 24 Mma oburu kasa mfi wʼano; 
mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa. 
 25 Hwɛ wʼanim tee, 
na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so. 
 26 Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan 
na fa akwan a atim so. 
 27 Mman mfa nifa anaa benkum; 
twe wo nan fi bɔne ho.