31
Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab 
 1  Awurade ka kyerɛɛ Mose se,  2 “Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no  3 de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma  4 sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow,  5 sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa.  6 Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo. 
“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no: 
 7 “Ahyiae Ntamadan, 
Apam Adaka ne mpata agua ne 
Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa; 
 8 ɔpon no ne so nneɛma, 
sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma, 
ohuam afɔremuka; 
 9 ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma, 
nsankason ne ne nnyinaso; 
 10 ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no 
ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no; 
 11 ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no. 
“Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.” 
 12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,  13 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’ 
 14 “ ‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no.  15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no.  16 Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ.  17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ ” 
 18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.