Dwom 131
Ɔsoroforo dwom. Dawid de. 
 1  Awurade, ahomaso nni me koma mu, 
na mʼani ntraa me ntɔn ɛ; 
memma nsɛm akɛse nhaw me 
anaa nsɛm a ɛyɛ nwonwa dodo ma me. 
 2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam 
te sɛ akokoaa a ɔda ne na so renum no, 
te sɛ akokoaa a otua nufu ano no, 
saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. 
 3 Israel, ma wʼani nna Awurade so, 
mprempren ne daa nyinaa.